2 Thessalonians 3

Mommɔ mpae mma yɛn

1Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ, mommɔ mpae mma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛw ntɛm sɛnea ɛyɛe wɔ mo mu no. 2Afei mommɔ mpae mma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn beyi yɛn afi abɔnefo ne nsɛmmɔnedifo nsam. Efisɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye asɛm no di. 3Nanso Awurade yɛ ɔnokwafo. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afi ɔbɔnefo no nsam. 4Awurade mma yɛn mo mu anidaso. Yɛwɔ anidaso sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no.

5Awurade nka mo ho na munnya ɔdɔ koma mma Onyankopɔn ne Kristo nkuranhyɛ no.

Anihaw ho kɔkɔbɔ

6Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfi anuanom a wodi anihaw na wonni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho. 7Mo ankasa munim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nea yɛyɛe no bi pɛpɛɛpɛ. Bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ anihaw. 8Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma denneenen. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛnea yɛremfa sikasɛm biara nhaw mo adwene. 9Eyi nkyerɛ sɛ na yenni ho kwan sɛ yebisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛso maa mo. 10Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma odidi.”

11Yɛka saa asɛm yi, efisɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafo a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfo nnwuma ase. 12Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ se, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔhoma.

13Anuanom munnnyae papayɛ da.

14Obi wɔ hɔ a ɔrentie nhoma a makyerɛw abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ muhu obi saa a, monhwɛ no yiye na montwe mo ho mfi ne ho na nʼanim ngu ase. 15Nanso mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfo na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua. 16Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

17Me ara me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a menam so rekyia mo ni. Saa kwan yi ara so na mefa kyerɛw nhoma.

18Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Copyright information for TwiNAK